Philippians 4

1Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu.

2Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. 3Na wo nso a woka me ho a migye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.

4Meka ti mu bio sɛ daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo!

5Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ, Awurade bɛba. 6Mommma biribiara nnhaw mo. Daa mo mpaebɔ nyinaa mu, momfa koma pa mmisa Onyankopɔn nea ehia mo. 7Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no, bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.

8Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen. 9Nea moasua na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho.

Aseda

10Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa. 11Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ moapa me, efisɛ, masua ama akokwaw me sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mepɛ. 12Minim ohia, nim ahonya. Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ pii anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. 13Ahoɔden a Kristo de ma me no nti, mitumi gyina tebea biara ano. 14Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.

15Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara na moka nea minyae ne nea mehweree ho. 16Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me. 17Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu.

18Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔrebɔde huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ. 19Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa. 20Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen.

Nkyia

21Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo. 22Ahotefo no nyinaa kyia mo na ne titiriw no, ɔhempɔn Kaesare fifo.

23Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Copyright information for TwiNAK